[Twi] Kɔ Ɔsram ne Akyi - Scratch Week 2026 ----- . 3... 2... 1... ɔtopae! Yɛma wo akwaaba ba To the Moon and Back, faako a yɛretow agu Asase akyi na yɛde yɛn ani akyerɛ amansan no kɛse a wonnim no mu. Ahintasɛm, anwonwade, ne nsemmisa a enni awiei ahyɛ ahunmu ma. Dɛn na ɛwɔ abɔnten? Dɛn na ebia yebehu? Na nsɛm bɛn na wɔretwɛn sɛ wɔbɛka wɔ nsoromma mu? Wɔ saa studio yi mu no, wubetumi ayɛ okyinnsoromma ahorow a ɛwɔ akyirikyiri ho mfonini wɔ w’adwenem, ayɛ ahunmu asɛmpatrɛw adwuma a ɛbɛba daakye ho mfonini, anaasɛ woayɛ w’ankasa nsoromma akuw mũ nyinaa. Sɛ́ ebia ahunmu nhwehwɛmu ankasa na ɛkanyan wo anaasɛ w’ani agye nneɛma a ebetumi aba nyinaa ho no, eyi ne hokwan a wowɔ sɛ wobɛhwehwɛ nneɛma a wunnim mu na woatu kwan akɔ ɔsram no so na woasan aba anaasɛ wobɛkɔ akyiri mpo! Worehwehwɛ adwene a wode befi ase? - hyehyɛ agodie bi a wɔde asi Ɔsram anaa okyinnsoromma foforo so. - ma ahunmu akwantuo a wo ne ahunmu akwantufo anaase ahɔhoɔ yɛ nkwa. - hyehyɛ w’ankasa owia nhyehyɛe anaa nsoromma kuw na yɛ adwuma bi a ɛbɛma yɛn akwantu. - susuw sɛnea asetra betumi ayɛ wɔ okyinnsoromma anaa nsoromma kuw bi a ɛwɔ akyirikyiri so. - si rocket launch simulator anaa ahunmu asɛmpatrɛw asɛnnennen. - y adwuma bi fa w'ankasa wo suban a worehwehwe bosome no ho. Nsɛm bɛn na na wɔbɛka? - bεyε adwuma bi a gravity, anaase nea enni mu, di dwuma titire. - twerɛ abasɛm, anwensɛm, anaa dwom bi a ɛfa akwantuo a ɛfa ahunmu ho. - sua nnansa yi akwantuo a ahunmu akwantufo a wote Artemis II so faa bosome no ho na ye adwuma bi fa ho nyinaa. - Remix adwuma bi na ma no space-themed twist! Kae sɛ eyinom yɛ nyansahyɛ ahorow ara kwa! Yɛma wo akwaaba sɛ wobɛba abɛka w’ankasa w’adwene nso, anaasɛ wobɛfa nhyɛsoɔ afiri nnwuma a ɛwɔ studio dedaw no mu. Dɛn na wobɛbɔ? =^..^= na ɛyɛ - - - - . Wɔne Ɔfotufoɔ Dwumadie a ɛwɔ Mmabun Akannifoɔ Dwumadibea no mufoɔ na ɛyɛɛ Scratch Nnawɔtwe 2026 na wɔhyehyɛɛ no. Ebia yɛbɛhwehwɛ curators pii a wɔbɛboa yɛn wɔ studio hɔ bere a dapɛn no kɔ so no. Sɛ yɛyɛ saa a, yɛbɛhwehwɛ nnipa a wɔboa, ayamyefo, na wɔyɛ nnam wɔ studio no nsɛm mu na ɛte sɛ nea wɔn nso wɔn ani gye ho ankasa sɛ wɔbɛboa studio no.